KWAME BRENYA - ONYAME ASƐM (Official video)
ฝัง
- เผยแพร่เมื่อ 12 พ.ย. 2021
- A performance of ONYAME ASƐM (The Word of God) by KWAME BRENYA.
ONYAME ASƐM is a piece on the ONYAME ASƐM album.
stream the album here👇🏿
audiomack.com/kwame-nnwom/alb...
ONYAME ASƐM mu nsɛm (lyrics)
Onipa bu dua na ɔde ayɛ krataa
na ɔde adubiri atintim n'adwene agu so
Afei ɔbɛkeka nkrataa dodoɔ a wɔatintim mu no nyinaa abɔ mu,
na ayɛ nwoma.
Ɔfoforɔ a ɔte ɔtwerɛfoɔ no kasa ase bɛkenkan nwoma no
na wɔahunu onipa no adwene
na woate n'adekyerɛ ase.
Na Onyankopɔn a ɔbɔɔ nnipa nyinaa ne kasa ahodoɔ yi,
ɔno nso retwerɛ nwoma a ɔde hwan kasa na ɛbɛtwerɛ?
Sɛ ɔtwerɛ no atififoɔ kasa mu a,
ɛbɛyɛ deɛn na anaafoɔfoɔ atumi akenkan bi, ate aseɛ yie?
Na onipa bɛn mpo na ɔbɛkɔ akɔgye Onyame nwoma yi aberɛ amansan?
Onyankopɔn yi nso na obia'a nhunuu no da yi.
Ɛneɛ ɛbɛyɛ deɛn na yɛahunu onyame atwerɛyɛ, ate onyame asɛm?
Ɔbɔadeɛ nsa ano ntwerɛyɛ ne abɔdeɛ
Ɛno na ɛyɛ kasa a obia'a te aseɛ
Hwɛ owia!
Sɛ owia pue a na nnipa asɔre,
na mmoa asɔre,
na nua nso apagya wɔn mu,
esiane sɛ owia de ahoɔden abrɛ wɔn.
Owia ma nkwa:
na kyerɛ sɛ Onyame ma nkwa
Wei ne Onyame asɛm a ɔreka akyerɛ onipa.
Ɔman biara so no, owia koro yi ara na ɔwɔ hɔ
Ɔrekyerɛ wo sɛ,
Onyame wɔ bea biara.
Onyame asɛm baako nso ne no.
Sɛ sukɔm de wo a, na woreyɛ awu
Wonom nsuo pɛ, na woanya ahoɔden
Nsuo yɛ nkwa;
Onyame yɛ nkwa
Wei yɛ onyame asɛm
Esum duru ɔbɔfoɔ a na ɔsrane apue
na ahyerɛn akyerɛ no kwan
Onyame reka akyerɛ wo sɛ ɔyɛ
Kanea.
Ɛno ne onyame asɛm
Hwɛ asaase
Ne so na nnipa ne nua gyina
Nsuo nam ne so
Bepɔ nso si ne so
Ɔsono, ɔkɔtɔ, ntatea, kankabi ne nkanka nyinaa nenam neso-
Ɛyɛ Onyame asɛm
Ɔse Onyame na ɔkuta yɛn nyinaa
Botan
ɔtim hɔ daa
Ɔreka akyerɛ wo sɛ,
Onyame tim hɔ daa.
Obi nnua borɔdeɛ na ɔntwa kwadu
Ɛno nti deɛ wo bɛyɛ biara no,
wo bɛgye ɛso akatua a ɛfata.
Wei ne Onyame asɛm
Afafantɔ hɔ fɛ nti ɔbɛsi wotiri so a na w'ani agye
Nhwiren dɛ nti afafantɔ nte neho gyae
Nhwiren ne afafantɔ reka akyerɛ wo sɛ,
Onyame ho yɛ fɛ,
Na Onyame yɛ dɛ
Mpanin se, "ɔkɔtɔ nwo anomaa".
Enti onipa wo onipa,
na akaatia nso awo akaatia.
Na kyerɛ sɛ,
Ɔbɔadeɛ bɔ adeɛ wɔ ne sɛso.
Wei ne onyame asɛm
Sɛ wo mene mu keka wo a,
wo we akekaduro na ɛkɔ
Sɛ wo yam yɛ wo ya a,
wo we nunum, mene mu nsuo, na woho abaa wo
Nhahamma reka akyerɛ wo sɛ,
Onyame yɛ yaresafoɔ
Afei, hwɛ ɔdasani ne nua asetena
mframa a onipa de ba abɔnten na nua home de nya nkwa
Mframa a nua nso de ba abɔnten na nnipa home de nya nkwa
Abɔdeɛ dendan wɔnho wɔnho
enti dɔ abɔdeɛ biara.
Wei nyɛ onyame asɛm?
Ɔdasani
bue w'ani na hwɛ abɔdeɛ
na wobɛte ɔbɔadeɛ kasa.
Ɛyɛ kasa a obia'a te aseɛ
Ɛnyɛ nwoma a obi antintim akɔma ne kuromfoɔ ne n'ayɔnkofoɔ na worebɛfrɛ no Onyame asɛm,
ato ne din
Twerɛ kronkron
Twerɛ kronkron no korɔn sene nwoma biara,
na ɛnyɛ kuro baako bi abakɔsɛm.
Bue w'adwene mu,
na wobɛte onyame asɛm
sɛ ɛregyegye wɔ abɔdeɛ.nyinaa mu.
AKƆM. FAHIAKƆTWE SINI. ©2021
Unauthorized usage of this video is prohibited.
Wisdom
Man is tree, tree is man 🌴❤
Hmmm...word of wisdom
~ profound
Wisdom is speaking
#OnyameAsem
The truth , God is seen in nature . The language of nature is the voice of the creator not the books written by creatures . The truth is universal no matter where you go . Thanks you bro . #spiritualawakening
🔥🪘🔥
When our fore fathers are gone..I know we have a wise man still spiting wisdom.. #NYAMEASEM
Kwame the preacher
💯
I give honor and love to Nyame, the Great Spirit, Asase Yaa, my Mother Earth, and my beloved Ancestors. 🤍
Keep earning your success Ohene ✊🏾
❤️❤️❤️
There's way too much to learn from him