KWAME BRENYA - ASƐMSƐBƐ

แชร์
ฝัง
  • เผยแพร่เมื่อ 5 ก.ค. 2022
  • A performance of ASƐMSƐBƐ by ‪@kwamebrenya‬
    A RETURN OF THE AFRIKAN TO THEIR ANCESTRAL PHILOSOPHY IS FREEDOM AND PROGRESS.
    LYRICS
    Asɛm a ɛda me soɔ so sene ɔsono pemfoɔ, me’epem
    M’asom mpempem de metiri apempem fam;
    ɛyɛ asɛmsɛbɛ
    Aborɔfoɔ asɔfoɔ de “amen amen” akyekyere m’adwene,
    ayere me, ayi me mene mu aduane amene
    Afei obibini ba Kwame, amene me;
    Ɛyɛ asɛmsɛbɛ
    Asɛm a ɛda me so so sene ɛpo
    Me deɛ mepɛ nso akyɛdeɛ ho repo
    Enti mede bɛkyɛ
    Ɛdeɛn adeɛ?
    Tweduampɔn akyɛdeɛ
    Buei…!!
    Ɛneɛ Tweduampɔn mfa nkyɛ me
    Ɔse ɔde afiri me
    Ɛno nti ɛfiri nnɛ rekorɔ,
    Me ne akwasi kɔkɔɔ nni mpaebɔ
    Menyi apaeɛ na menwu nsa mfrɛ nananom
    “ɛweɛ! Ɛweɛ! Peaww!”
    Nananom m’asɛm ni o,
    M’amaneɛ ni
    M’amane aba mo deɛ mu ɛno nti m’ahunu amane
    Bɔe…!
    Na nka ɛnyɛ wo deɛ ne wo deɛ…
    Aboa bia’a redɔre sradeɛ a sɛ ɔsua prako,
    Na afei adɛn, na prako aduru akɔkono kurom ɛrekɔpɛ kɛseɛ aduro?
    Nka me nya nkuto hɔ,
    Nkɔtɔ “ɛdeɛn-deɛn clair” mpɔ meho,
    Na ɔkyena bi, mewu na meduru asamando,
    Me nana… tummm. nana-kansoa… tummm
    Na nka akwansodeɛ a metɔɔ no Kasoa no aka me nsa ano.
    “Aanha!” Ɛmma no saa
    Sɛ meekɔ a,
    Mede me ANKH; nkwa
    Me nsa mpatiampatia; SANKɔFA
    Ɛne me MPɛSɛMPɛSɛ
    Sɛ me mpɛsɛmpɛsɛ nti wompɛ sɛ wobɛba m’ayie a,
    Kɔ! Kɔ!
    Ɛyɛ m’ayie
    Ɛduru w’ayie so a na woayi woti
    MHMMM…
    AKƆM / FAHIAKƆTWE SINI 2022
    UNAUTHORIZED USAGE OF THIS VIDEO IS HIGHLY PROHIBITED

ความคิดเห็น • 16

  • @gastoobeng4054
    @gastoobeng4054 ปีที่แล้ว +1

    Shadys media brought me here and am loving it 💥♥️🥺

  • @fadaklose8229
    @fadaklose8229 ปีที่แล้ว +1

    This is our religion piawww mmhhmmmm

  • @user-yy2rt5if5e
    @user-yy2rt5if5e 5 หลายเดือนก่อน

    True african raality. Very impressive Kwame. Aseda. A fan in Lomé

    • @kwamebrenya
      @kwamebrenya  5 หลายเดือนก่อน

      MHMMM🙏🏿 connect on IG. i'm coming to Lome soon.

  • @user-df2pn4os6z
    @user-df2pn4os6z ปีที่แล้ว

    Nyame As3m is Nananom asem
    Love the art

  • @kpodo9185
    @kpodo9185 ปีที่แล้ว +1

    First to comment !! Damn
    Kwame Brenya adane Kwabre Nyame ampa !

  • @lawerjohn6470
    @lawerjohn6470 ปีที่แล้ว +1

    Beautiful one as always, piaww Nana.

  • @rafsadiq4542
    @rafsadiq4542 ปีที่แล้ว

    Brenyaaa🔥🔥🔥

  • @nauti312
    @nauti312 7 หลายเดือนก่อน

    Word!

  • @abangadaniel7961
    @abangadaniel7961 ปีที่แล้ว +1

    Wooow you too much bro

  • @Kobbysqratch
    @Kobbysqratch ปีที่แล้ว

    ✌💥💫

  • @kwaatamuzic
    @kwaatamuzic ปีที่แล้ว

    This is deep

  • @kwakuprice2535
    @kwakuprice2535 ปีที่แล้ว

    🖤🖤🖤🖤

  • @umiof5
    @umiof5 ปีที่แล้ว

    LOVE

  • @1Jpeso
    @1Jpeso ปีที่แล้ว

    👁